- General Videos
 - Music
 - Economics
 - Health
 - Travel & Events
 - History
 - Psychology
 - Spirituality
 - Movies
 - News & Politics
 - Kmtyw Combat Sciences
 - Ɔbenfo Ọbádélé Kambon Videos
 - Ɔbenfoɔ Kamau Kambon: Black Liberation Philosophy
 - Science, Tech, Engineering and Math
 - Permaculture
 - Self-Sustainability
 - Living Off Grid
 - Yoruba Language Learning
 - Education
 - Mmɔfra Adesua
 - Nana Kamau Kambon Playlist
 - Livestream
 - Komplementarity Kouples and Revolutionary Singles
 - Abibitumi Film Series
 - Decade of Our Repatriation
 - Live
 
Akyekyedeε ne n’atεntεbεn: Learn Asante Twi with subtitles - Story for Children "BookBox.com&qu
Turtle, a gifted flutist, is trapped by a greedy man. How will she escape now? 
 
Akyekyedeε ne n’atεntεbεn 
Brazilfoɔ anansesεm 
Ɛyε Akyekyedeε 
na ɔbɔɔ n’atεntεbεn no 
wɔ nsuo no ano. 
Na Akyekyedeε 
bɔ n’atεntεbεn no a, 
agyata, εsono, nfafrantɔ, 
awɔ, ne nkwakuo sa. 
Da koro bi, 
papa bi tee sε 
Akyekyedeε rebɔ atεntεbεn no. 
Ɛnna papa no kaa ne tirim sε: 
Ai, wei deε, 
Akyekyedeε na ɔreto saa dwom no. 
Me koraa me kɔn dɔ Akyekyedeε. 
Na papa no teaa mu sε: 
Akyekyedeε! 
Ma menhunu 
w’atentεbεn fεfεεfε no. 
Na Akyekyedeε kɔgyinaa 
pono no ano, 
na ɔyii n’atentebεn no kyerεε papa no. 
Prεko pε, papa no yeree 
akyekyedeε no kɔn, 
na ɔde mmirika kɔɔ fie. 
Na Akyekyedeε pεε sε 
osu frε obi, 
nanso na ɔntumi nkasa. 
Na ɔkataa n’ani, 
na ɔsɔɔ n’atεntεbεn no dendeenden; 
na n’ani da so sε 
nneεma bεsi no yie. 
Na papa no duruu ne sese no no, 
ɔde Akyekyedeε 
too ebuo mu. 
Ɛnna papa no danee ne ho 
kyerεε ne mma no sε: 
Hwε na moanyi Akyekyedeε 
amfiri ebuo no mu. 
Ɛnna papa no kɔɔ wiram. 
Ankyε na nkwadaa no 
kɔɔ abɔnten kɔdii agorɔ. 
Na Akyekyedeε redwene 
nsεm a papa no kaeε no. 
Afei, ɔbɔɔ n’atεntεbεn no; 
Ankyε na nkwadaa no baa ne nkyεn. 
Na nkwadaa no bisaa no sε: 
Akyekyedeε, 
wo na worebɔ atεntεbεn no? 
Na Akyekyedeε gyee so sε: Aane. 
Na Akyekyedeε hunuu sε 
εdwom no sɔɔ nkwadaa no ani, 
nti ɔguu so bɔɔ atεntεbεn no. 
Na ɔgyaee atεntεbεn no bɔ. 
Na ɔkaa sε: M’asa yε sene me dwomto. 
Wopε sε wohunu? 
Na ɔbarima no kaa sε: 
O, mepa wo kyεw! 
Na Akyekyedeε kaa sε: 
Mεkyerε wo sεnea yεsa, 
εberε a yεrebɔ atεntεbεn no. 
Nanso, 
εwɔsε wobue ebuo no. 
Me ho kyere me. 
Na ɔbarima no buee ebuo no no, 
Akyekyedeε bɔɔ atεntεbεn no saeε. 
Na nkwadaa no 
bɔɔ ɔmo nsam sereeε, 
εfiri sε ɔmo nhunuu biribiara a 
εyε anika saa ara. 
Na Akyekyedeε gyaee 
dwomto ne asa no. 
Ɛnna nkwadaa no teaa mu sε: Nnyae! 
Na Akyekyedeε kaa sε: O, 
mentumi ntu me nan. 
Sε anka metumi nantenante a, 
anka me nan bεtɔ me. 
Na ɔbaa no ka kyerεε Akyekyedeε sε: 
Hwε na woankɔ nohoa. 
Kɔbra sesia. 
Na Akyekyedeε buaa no sε: 
O, εnyε hwee. 
Wo deε, gyina ha na twεn me. 
Na Akyekyedeε kɔgyinaa 
kwaeε no nkyεn. 
Na ɔhwεε ha ne ha, 
na ɔhunuu sε obiara nni hɔ no, 
ɔde mmirika kɔɔ fie. 
Ɛfiri saa da no, 
obiara nhunuu Akyekyedeε. 
Nanso, bεsi nnε, 
sε woyε aso a, 
wotumi te 
atεntεbεn nyegyeε bi a 
εfiri kwaeε no mu. 
 
Author: Amit Garg 
Illustrations: Emanuele Scanziani 
Music: Holger Jetter 
Translator & Narrator: Elrod Owusu-Asumeng 
Animation: BookBox 
 
FREE Apps for iPads & iPhones: http://www.bookbox.com/ios  
FREE Apps for Android phones & tablets: http://www.bookbox.com/android  
Many more stories, languages & multiple subtitle options: http://www.bookbox.com 
 
#bookbox #bookboxasantetwi #learn2read
			
			
			
			
			
			
			
			
			
			
			
			
			
			